Ezekiel 15

Yerusalem, Bobe Duahunu

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Onipa ba, ɔkwan bɛn so na bobe dutan so bɛba mfaso asen kwae mu dua foforo biara mman? 3Wotwa dua no bi de yɛ biribi a so wɔ mfaso? Wɔde yɛ pɛe a wɔde nneɛma sensɛn so ana? 4Na sɛ wɔde ne nnyina hyɛ ogya mu na eti ne ti hyew ma mfimfini yɛ nso a, so ba mfaso bi ana? 5Na sɛ so amma mfaso bere a ɛyɛ mua no a, ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi de ayɛ ade bi a mfaso wɔ so, bere a ahyew atɔ nso no?

6“Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛnea mede bobe dua a ɛfra kwaennua ama sɛ wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɔkwan no ara so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no nso bɛfa. 7Metu mʼani asi wɔn so. Ɛwɔ mu sɛ wɔafi ogya no mu de, nanso ɛbɛhyew wɔn bio. Na sɛ mitu mʼani si wɔn so a, wubehu sɛ mene Awurade. 8Mɛma asase no ada mpan efisɛ wɔanni nokware, Otumfo Awurade asɛm ni.”
Copyright information for TwiAKNA